Philippians 3

1Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnhaw me sɛ meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Eye ma mo akwankyerɛ.

Hwɛ atoro akyerɛkyerɛfo yiye

2Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte sɛ akraman a wɔka se twa na ɛsɛ sɛ onipa twa ne ho sie no yiye. 3Ɛyɛ yɛn na ɛnyɛ wɔn na yɛagye twetiatwa ato mu, efisɛ, yɛnam Onyankopɔn Honhom so som no na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti, yenya ahosɛpɛw. Yɛmfa yɛn ho nto amanne so.

4Sɛ obi wɔ hɔ a odwen sɛ sɛ ɔde ne ho to amanne so na eye a, anka ɛyɛ me. 5Bere a midii nnawɔtwe pɛ na wotwaa me twetia. Meyɛ Israelni fi mʼawosu mu. Mifi Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifo kronn no mu. Sɛ wɔka Yudafo mmara sodi ho asɛm nso a, meyɛ Farisini 6a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ Mmara no sodi nko na ɛma obi yɛ ɔtreneeni a, ɛnne na me ho nni mfomso biara.

7Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no esiane Kristo nti, ayɛ adehwere. 8Ɛnyɛ ɛno nko, na migye midi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼawurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa sɛ nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo, 9na wo ne no ayɛ baako. Afei meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ, pɛyɛ a efi Mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a efi Kristo mu gyidi ne Onyankopɔn mu a gyidi na ɛyɛ ne fapem. 10Nea merehwehwɛ ara ne sɛ, mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu suahu, na mahu nʼamane no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne wu no mu, 11a mewɔ anidaso sɛ, me nso me wu akyi, wɔbɛma me asɔre afi owu mu.

Botae no ho kɔ

12Menka se madi nkonim anaasɛ meyɛ pɛ. Merebɔ ho mmɔden sɛ medi nkonim a ka a Kristo aka me abata ne ho no nti, wadi ama me no.

13Nanso anuanom, minnye nni sɛ madi saa nkonim no. Ade baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. 14Eyi nti, mitu mmirika kɔ mʼanim tee na madu soro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

15Ɛsɛ sɛ yɛn a yenyin wɔ Honhom mu no nyinaa dwen saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16Momma yɛnkɔ so nni mmara a yɛnam so abɔ yɛn bra abesi nnɛ no so.

17Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti muntie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a owui wɔ asɛnnua no ho no atamfo. 19Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wodwen wiase nneɛma nko ara ho. 20Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi soro bɛba no. 21Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no.

Copyright information for TwiNAK